Psalms 106

Awurade adɔe

1Kamfo Awurade!
Monna Awurade ase efisɛ oye; ne dɔ wɔ hɔ daa.
2Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a wayɛ?
Hena na obetumi akamfo no?
3Nhyira nka wɔn a wodi ne mmara so, na daa wɔyɛ ade trenee.
4 Awurade, sɛ woboa wo nkurɔfo a, kae me; sɛ wogye wɔn nkwa a, fa me ka wɔn ho.
5Ma minhu wo nkurɔfo nkɔso, na me ne wo man ntena ahotɔ mu wɔ anigye mu ahosɛpɛw a wɔn a wɔyɛ wo de no nya no.
6Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ amumɔyɛ ne bɔne bebree.
7Yɛn nenanom a na wɔwɔ Misraim no ante Onyankopɔn anwonwade no ase; wɔn werɛ fii ne dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn mpɛn pii no, na wɔsɔre tiaa Otumfoɔ no wɔ Po Kɔkɔɔ no so.
8Nanso ogyee wɔn nkwa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛnea ɔbɛda ne tumi adi no.
9Ɔkasa kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowoe.
Na odii ne nkurɔfo anim ma wɔfaa asase kesee so.
10Ogyee wɔn fii wɔn a na wɔtan wɔn no nsam; ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.
11Nanso nsu no faa wɔn atamfo no a, wɔn mu baako koraa anka.
12Afei ne nkurɔfo no gyee ne bɔhyɛ no dii, na wɔtoo ayeyi dwom maa no.
13Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ, na wɔyɛɛ nea wɔn ara wɔpɛ a wɔammisa no.
14Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, na wɔsɔɔ Awurade hwɛe,
15enti ɔmaa wɔn nea wobisaa no, nanso ɔde ɔyare bɔne bi brɛɛ wɔn.
16Na sare so hɔ, wɔn ani beree Mose ne Aaron a ɔyɛ Awurade somfo kronkron no so.
17Na asase mu buei na ɛmenee Datan na esiee Abiram ne nʼabusuafo;
18ogya sian baa wɔn akyidifo so bɛhyew saa amumɔyɛfo no.
19Wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nantwinini ohoni wɔ Sinai na wɔsom no;
20wɔde Onyankopɔn anuonyam sesaa aboa a ɔwe sare ohoni.
21Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ɔnam ne tumideyɛ so gyee wɔn Misraim no.
22Anwonwade a ɔyɛe wɔ hɔ no so.
Anwonwade a ɔyɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no so no so.
23Bere a Onyankopɔn kae se ɔbɛsɛe ne nkurɔfo no, nʼakoa Mose sɔre srɛɛ Onyankopɔn dwudwoo nʼabufuw ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.
24Enti wɔpoo asase fɛfɛ no efisɛ, na wonnye Onyankopɔn bɔhyɛ nni.
25Wɔtenaa wɔn ntamadan mu nwiinwii a na wontie Awurade.
26Enti ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɔbɛma wɔawuwu wɔ sare so hɔ,
27na wabɔ wɔn asefo apete wɔ sare so hɔ afra abosonsomfo mu, na wama wɔawuwu amanɔnne.
28Na Poer hɔ, wɔde wɔn ho bɔɔ Baal, som no na wodii afɔre a wɔde bɔɔ anyame a nkwa nni wɔn mu no bi.
29Wɔn nneyɛe no huruu Onyankopɔn bo, na ɔyare a ɛyɛ hu besii wɔn mu.
30Na Pinahas sɔre gyinae twee wɔn a wodi fɔ no aso maa ɔyaredɔm no gyaee.
31Wɔde saa asɛm yi kae no daa, na wɔbɛkae daa daa.
32Meriba asu ho nso, nnipa no hyɛɛ Onyankopɔn abufuw ma, esiane wɔn nti,
Mose kɔɔ ɔhaw mu.
33Wɔmaa nʼani beree sɛ ɔkasa a onnyina nnwen ho.
34Wɔankum abosonsomfo no sɛnea Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no,
35na wodii wɔn ho aware sɛnea abosonsomfo no yɛ no.
36Onyankopɔn nkurɔfo som ahoni, na eyi ma wɔsɛee wɔn.
37Wɔde wɔn ara wɔn mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ Kanaan ahoni afɔre.
38Wokunkum mmotafowa a wonnim hwee maa asase no ho guu fi, esiane saa awudi no nti.
39Saa ade a wɔyɛe no guu wɔn ho fi enti ɛma wodii atoro kyerɛɛ Onyankopɔn.
40Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo; nʼani beree wɔn so.
41Ɔpoo wɔn maa abosonsom tumi maa wɔn atamfo dii wɔn so.
42Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so a wɔyɛ hwee a ɛnyɛ ye.
43Mpɛn pii,
Awurade gye ne nkurɔfo, nanso wɔpɛ sɛ wɔsɔre tia no na wɔkɔ bɔne mu ara.
44Nanso Awurade tiee wɔn bere a wosu frɛɛ no no na ohuu ɔhaw a wɔwɔ mu no.
45Wɔn nti, ɔkaee nʼapam no na esiane ne dɔ kɛse no nti, ogow ne ho mu.
46Ɔmaa wɔn sodifo nyinaa nuu wɔn ho.
47Gye yɛn,
O Awurade yɛn Nyankopɔn, na san fa yɛn fi aman so bra, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛda wo ase na yɛakamfo wo din kronkron no.
48Kamfo Awurade,
Israel Nyankopɔn; kamfo no nnɛ ne daa nyinaa!
Momma obiara nka se, “Amen!”
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK